Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso mesoo dae bi a, ɛbɔɔ me hu yiye. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehu a minyaa no hunahunaa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:5
15 Iomraidhean Croise  

Na mfirihyia abien akyi no, Farao soo dae, na hwɛ, ogyina asubɔnten Nil no ho.


na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.


Na Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien no, ɔsosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe.


Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso dae bi, na me honhom ho yeraw me sɛ mehu dae no ase.


Na anisoade a mihui me mpa so no ni: Mehwɛe, na hwɛ, dua bi si asase mfinimfini a ɛware tenten.


Mehwɛe anisoade a mihui me mpa so no mu, na hwɛ, ɔwɛmfo kronkron bi fi soro durui;


Nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne mmoa nni asase so ahaban;


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.


Ɔhene ne n’aberɛmpɔn nsɛm no nti ɔhemmea baa apontow dan no mu. Ɔhemmea no kae sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnhaw wo na w’anim nnnan.


Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,


Babel hene Belsasar afe a edi kan mu no, da bi a Daniel da ne mpa so no, ɔsoo dae huu anisoade bi; ɛnna ɔkyerɛw ɔdae no kaa nsɛm no mu ade titiriw.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan