Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Me, Nebukadnesar, mete me fi dwoodwoo, na me ho ka me ho m’aban mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma tɔ me yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:4
13 Iomraidhean Croise  

Wɔka sɛ: Mommra, mekɔfa nsa aba, na yɛawe mpahyewa, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Moab atena ase dwoodwoo fi ne mmofraase, na wada ne puw so, na wonhwiee no mfii ade mu nguu ade mu ɛ, na ɔnkɔɔ tukɔ mu da; enti na ne dɛw aka ne mu, na ne ho huam nsakrae ɛ.


W’ahoɔfɛ nti wo koma ahoman, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, matow wo makyene fam, mede wo mato ahene anim sɛ wɔnhwɛ wo.


kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Misraim hene Farao, asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’asubɔnten wɔ me, me ara na meyɛ mefae.


Na asɛm a ɔhene bisa yi yɛ den dodo, na obi bi nni hɔ a obetumi akyerɛ ɔhene anim, gye anyame a wɔnte adasamma mu no.


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.


Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.


Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan