Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahenni teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

34 Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahennie tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:34
57 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.


Na Dawid hyiraa AWURADE, bagua no nyinaa anim, na Dawid kae sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.


na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.


AWURADE ne hene daa daa, amanaman bɛyera afi n’asase so.


Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfe kyɛ kodu awo ntoatoaso nyinaa so.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


na wɔmmɔ aseda afɔre, na wɔmfa ahurusi dwom nka ne nneyɛe.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


Ne nsa ano nneyɛe yɛ nokware ne atemmu, n’ahyɛde nyinaa tim hɔ pintinn.


Mema m’ani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me boa fi bɛba?


Wo na mema m’ani so mehwɛ wo, wo a wote soro no.


W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.


AWURADE di hene daa, Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awo ntoatoaso nyinaa so. Munyi AWURADE ayɛ!


Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no,


Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. Sela


Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te, na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.


Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom.


Eye sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,


Na mɛba mabɛtwe wiase aso, ne bɔne ho, ne abɔnefo aso, wɔn amumɔyɛ ho, na mama ahantanfo ahomaso no to atwa, na ahupoofo ahokyerɛ abrɛ ase;


Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam, ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.


Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.


So ɛnyɛ ɔsorosoroni no anom na mmusu ne papa fi?


Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.


Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.


Na sɛ wɔkae sɛ wonnyaw dua no dunsin no, sɛ wunya hu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, w’ahenni begyina ama wo.


Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.


na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.


Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinatufo ne m’aberɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


na wɔpam no fii nnipa mma mu, na ne koma yɛe sɛ mmoa de, na ɔne sare so mfurum tenae, wɔma ɔwee wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, kosii sɛ ohui sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a midi so tumi nyinaa mu, wɔmfɛre na wonsuro Daniel Nyankopɔn, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte ase na ogyina hɔ daa, na n’ahenni yɛ nea ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtena hɔ akosi ase.


Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


Enti na AWURADE nyaa bɔne ho ani de baa yɛn so, na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ trenee, ne nneyɛe a ɔyɛe nyinaa mu, na yɛantie no.


Ɛnna wosu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yedi ho bem ngu yɛn so. Na wo, AWURADE, na woyɛ sɛnea wopɛ.


Na mɛma asiifo no ayɛ nkae, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛse; na AWURADE bedi wɔn so hene Sion bepɔw so afi nnɛ de akosi daa.


Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.


Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!


Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu;


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.


Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!


nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen.


Na ɔkaa nea ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Bere bi nni hɔ bio,


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:


Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan