Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne yɛ kɛse fa! Na hwɛ sɛnea tumi a ɛwɔ nʼanwonwade no mu so fa! Nʼahenni yɛ daa ahenni; ne tumi teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa! na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa! n’ahennie yɛ daa ahennie, na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa! Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa! Nʼahennie yɛ daa ahennie; ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:3
29 Iomraidhean Croise  

Tumidi ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoe ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ.


AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.


Woyii ne nsɛnkyerɛnne sii wɔn mu, ne anwonwade, Ham asase so.


W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.


Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. Sela


Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ne nko yɛ anwonwade,


Wo kwan faa po mu, ne wo tempɔn nsu pii mu, na wɔanhu w’anammɔn.


Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn.


AWURADE, wo nnwuma sosoe dɛn ara, w’adwene mu dɔ pii.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete bemee agyinatu atim ayɛ nokware.


Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi; n’agyinatu yɛ nwonwa, na ne nyansa nni ano.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.


Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.


Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!


Na ɔba no ho de, ose: Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daapem daapem, w’ahenni poma yɛ poma a ɛteɛ.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan