Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:21 - KYERƐW KRONKRON

21 na n’ahaban yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduan wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wuram mmoa tete ase na wim nnomaa sisi n’abaa so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ a asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 na n’ahahan yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wiram mmoa tete aseɛ na ewiem nnomaa sisi ne mman soɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ a aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:21
8 Iomraidhean Croise  

Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, asukɔnkɔn wɔ ne fi, ɔpopaw nnua so.


Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abaa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi,


N’abaa frɔmfrɔm no mu na wim nnomaa nyinaa yeyɛɛ mmerebuw, na n’abaa akɛse no ase na wuram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma, na n’ase nwini mu na amanaman akɛse nyinaa tenae.


na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.


Dua no so na ɛyɛ den, na ne tenten kodu ɔsoro, na wohu kodu asase nyinaa ano;


Dua a wuhui a ɛso na ɛyɛ den a ne tenten kɔpem ɔsoro na wohu asase nyinaa so,


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kodu ɔsoro na wo tumidi du asase ano no.


Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa koduaa ne turom; na enyinii, na ɛyɛɛ dua, na wim nnomaa besisii mman so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan