Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Beltesasar, saa dae yi na me, Ɔhene Nebukadnessar soe. Afei kyerɛ me ase, efisɛ anyansafo a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me ase. Na wo de, wubetumi akyerɛ me, efisɛ anyame kronkron honhom no wɔ wo mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri sɛ, anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri sɛ, anyame kronkron sunsum no wɔ wo mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:18
14 Iomraidhean Croise  

Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkorabata abiɛsa no yɛ nnansa;


Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso dae, nso obiara nni hɔ a otumi kyerɛ ase; na wo na mate wo nka sɛ, wote dae a, wutumi kyerɛ ase.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Na Misraim honhom bɛsa wɔ ne mu, na n’agyinatu nso, mahwete na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo ne asamanfrɛfo ne asumanfo.


Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.


na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.


Wobuae bio sɛ: Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ ase.


Na afei wɔde anyansafo pɛadeahufo aba m’anim, sɛ wɔmmɛkan kyerɛw yi na wɔnkyerɛ me ase; nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.


Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.


Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan