Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ma n’adwene nsakra, na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma na mmere nson ntwa ne ti so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa adwene na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:16
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Aberante Absalom ho ye anaa? Na Kusni no buae sɛ: Ma me wura ɔhene atamfo ne wɔn a wɔsɔre hyɛ wo, pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberante no!


Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,


Na atifi fam hene no bɛsan de asafo yuu a ɛso sen kan de no abegyina hɔ, na mfe bi akyi no, ɔde dɔm kɛse ne ade pii bɛba no so.


Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.


Na sɛ ɔhene huu ɔwɛmfo kronkron bi sɛ ofi soro durui bɛkae sɛ: Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne wuram mmoa nnidi nkosi sɛ mmere nsɔn betwa ne ti so:


Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Ɛnonom bɛsɛe, na wo de, wowɔ hɔ ara, na ne nyinaa besuw sɛ atade,


Na wɔmaa ɔbea no, ɔkɔre kɛse no ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne tenabea, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne bere fa afi ɔwɔ no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan