Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Mehwɛe anisoade a mihui me mpa so no mu, na hwɛ, ɔwɛmfo kronkron bi fi soro durui;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Meda me mpa so no, mihuu ɔbɔfo kronkron bi a ofi ɔsoro reba fam wɔ mʼanisoadehu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam wɔ mʼanisoadehunu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:13
18 Iomraidhean Croise  

ogye asase so aman mu atitiriw koma; na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so;


AWURADE abɔfo, munhyira no, ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, kronkronfo guabɔ kɛse no mu, na wosuro no sen wɔn a wɔatwa ne ho asi nyinaa.


Na anisoade a mihui me mpa so no ni: Mehwɛe, na hwɛ, dua bi si asase mfinimfini a ɛware tenten.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Na sɛ ɔhene huu ɔwɛmfo kronkron bi sɛ ofi soro durui bɛkae sɛ: Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne wuram mmoa nnidi nkosi sɛ mmere nsɔn betwa ne ti so:


na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.


Babel hene Belsasar afe a edi kan mu no, da bi a Daniel da ne mpa so no, ɔsoo dae huu anisoade bi; ɛnna ɔkyerɛw ɔdae no kaa nsɛm no mu ade titiriw.


Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.


Ɔkae sɛ: Aboa a ɔto so anan no bɛyɛ ahenni a ɛto so anan, asase so, a ɛbɛsono ɔno, ahenni nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no asinasin.


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wontiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi?


Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.


sɛ: Mmɛhaw yɛn! Ɛdɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ko, wone Onyankopɔn kronkronni no.


AWURADE fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi akronkronfo pii mu na ɛbae, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Eyinom ho na Enok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba


ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne Oguammaa no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan