Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:12 - KYERƐW KRONKRON

12 ɛso ahaban yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduan wɔ mu ma nnipa nyinaa; wuram mmoa tete ne nwini ase, na wim nnomaa sisi n’abaa so, na ɔhonam nyinaa didi ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ, na asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 ɛso ahahan yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, wiram mmoa tete ne nwunu ase, na ewiem nnomaa sisi ne mman so, na abɔdeɛ nyinaa didi ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:12
13 Iomraidhean Croise  

ogye asase so aman mu atitiriw koma; na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so;


Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne nnubaa remmɔ no:


nsu hua nti ɛfefɛw, na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw;


Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu.


Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abaa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi,


Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwini mu, amanaman mu no, wɔne no sian kɔɔ asaman kɔɔ nkrante ano atɔfo nkyɛn.


ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.


Ɛno na ɛyɛ aba horow nyinaa mu ketewa de, nanso enyin a, ɛne afifide nyinaa mu kɛse, na ɛyɛ dua ma wim nnomaa ba bɛyɛ berebuw wɔ ne mman so.


Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.


na wodua a, enyin na ɛyɛ kɛse sen afifide nyinaa, na eyiyi mman akɛse, na wim nnomaa tumi tena ne nwini ase.


Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa koduaa ne turom; na enyinii, na ɛyɛɛ dua, na wim nnomaa besisii mman so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan