Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso Kaldeafo no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa faa Yudafo no ho se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, Kaldeafoɔ no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa Yudafoɔ no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:8
14 Iomraidhean Croise  

Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, efisɛ na wɔakyerɛ no nea Mordekai fi, na Haman hwehwɛe sɛ okunkum Yudafo a wɔwɔ Akas-weros ahenni nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfo no nyinaa.


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.


Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.


Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.


Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.


Ɛnna abirempɔn ne amantam ahene no hwehwɛe sɛ wobehu Daniel ho asɛm bi, ahenni no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, efisɛ odi nokware, na wonhu ne ho mfomso anaa bɔne biara.


Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan