Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Enti bere a wɔtee abɛn, odurugya sanku, sankuten, sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, nnipa no nyinaa ne aman ahorow ne wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa kotow fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Enti, ɛberɛ a wɔtee abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, nnipa no nyinaa ne aman ahodoɔ ne wɔn a wɔka kasa ahodoɔ nyinaa kotoo fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:7
15 Iomraidhean Croise  

Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa bow; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ adam no.


Ɛno na ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuw fam, na ɔkotow Daniel, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no aduan afɔre ne ohuam afɔre.


Wo ɔhene, woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,


Na ɛsɛn bi teɛɛm dennen sɛ: Mo nkurɔfo, aman ne ɔkasa horow, wɔka kyerɛ mo sɛ:


Ɛbere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, monhwe fam nsɔre sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.


Na nea ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu.


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


Ɔno na tete bere a atwam no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa akwan so;


Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan