Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na nea ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a wankotow fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw wɔ mu framfram mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a wankoto fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre wɔ mu framfram mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:6
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔdan n'ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne dantaban no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wusiw foroe sɛ, fononoo mu wusiw.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Na nkae no, ɔde yɛ onyame, ne honi. Ɔkotow no sɔre no bɔ no mpae, na ose: Gye me, me nyame ne wo!


Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfo a wɔwɔ Babel no nyinaa anom sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyew wɔn no,


Ɔhene bua ka kyerɛɛ Kaldeafo no sɛ: Asɛm no afi me mu kɔ; sɛ moankyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wɔadan mo afi sumina;


na nea wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu:


Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?


Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, wɔn ntade ne wɔn mmotiri ne wɔn ntama mu, na wɔtow wɔn guu ogya a ɛrefram no mu.


Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.


Ahemman yi mu abirempɔn, mmakoma, amantam ahene, agyinatufo ne amradofo nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom sɛ: Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, O ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu.


na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se.


na wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwɛre wɔn se.


na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo.


Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafo hyɛe sɛ wɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti afiase hɔ,


Na wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkotow aboa no ne ne honi, ne obiara a obegye ne din agyirae no, rennya ɔhome awia ne anadwo.


Na obuee ebun abura no ano, na owusiw a ɛte sɛ ɔfononoo kɛse mu wusiw fii abura no mu, na owia ne ahun mu duruu sum, abura no mu wusiw no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan