Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛbere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, monhwe fam nsɔre sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sanku, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, monkotow fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sankuo, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, monkoto fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:5
5 Iomraidhean Croise  

Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma.


Ɛno na ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuw fam, na ɔkotow Daniel, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no aduan afɔre ne ohuam afɔre.


Wo ɔhene, woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,


Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?


Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan