Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɛsɛn bi teɛɛm dennen sɛ: Mo nkurɔfo, aman ne ɔkasa horow, wɔka kyerɛ mo sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na wɔbɔɔ dawuru teɛɛ mu se, “Nnipa ahorow ne aman ahorow ne kasa ahorow nyinaa muntie nea ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na wɔbɔɔ dawuro teaam sɛ, “Nnipa ahodoɔ ne aman ahodoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa montie deɛ ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:4
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.


Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.


Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.


Wo ɔhene, woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,


Ɛnna amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo, asennifo ne nsaase no so atumfo nyinaa behyiae sɛ wobedwira ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no, na wobegyinaa ohoni a Nebukadnesar de sii hɔ no anim.


Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.


Ɔhene Nebukadnesar de eyi kɔma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa a wɔte asase nyinaa so: Ensi mo yiye mmoroso!


ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.


Ɛnna ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow a wɔtete asase nyinaa so no nyinaa sɛ: Ensi mo yiye mmoroso!


Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛtɛw no atemmu mu, efisɛ waboapa adi ade hunu akyi.


Efisɛ wodi Omri ahyɛde ne Ahab fi nneyɛe nyinaa so, na wonennam wɔn agyinatu so, nea ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwiriwde, ne emufo no nso ohwiremabɔ, na moasoa me man ahohora.


Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan