Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo, asennifo ne nsaase no so atumfo nyinaa behyiae sɛ wobedwira ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no, na wobegyinaa ohoni a Nebukadnesar de sii hɔ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere a ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo no behyiae sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wobegyinagyinaa ohoni no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ no bɛhyiaeɛ sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wɔbɛgyinagyinaa ohoni no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:3
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.


Na amantam ahene, mmakoma ne amradofo ne ɔhene agyinatufo hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn ti so nwi anhyew, na wɔn ntwontwo ansakra, na ogya no ho hua amfa wɔn ho.


Na ɛsɛn bi teɛɛm dennen sɛ: Mo nkurɔfo, aman ne ɔkasa horow, wɔka kyerɛ mo sɛ:


Obiara nni hɔ a ɔwɔ ntease, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.


Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan