Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:2
10 Iomraidhean Croise  

Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Betel: Ɔbɔɔ afɔre maa nantwi mma a ɔyɛe no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no asɔfo duaa Betel.


Ɔpanyin a otie atosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefo.


Na amantam ahene, mmakoma ne amradofo ne ɔhene agyinatufo hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn ti so nwi anhyew, na wɔn ntwontwo ansakra, na ogya no ho hua amfa wɔn ho.


Ɛnna amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo, asennifo ne nsaase no so atumfo nyinaa behyiae sɛ wobedwira ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no, na wobegyinaa ohoni a Nebukadnesar de sii hɔ no anim.


na wohyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduan ho; na ɔman no dii na wɔsɔree wɔn anyame no;


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no.


Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan