Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Yudafo bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase so hwɛfo, Sadrak, Mesak ne Abednego; mmarima yi mmu wo, ɔhene; wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso Nana, Yudafo bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtiaa, na wɔansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso, Nana, Yudafoɔ bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtia, na wansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:12
15 Iomraidhean Croise  

Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Anibere yɛ atirimmɔden, na abufuw boro so, na hena na obetumi agyina ninkuntwe ano?


Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abednego sisii Babel asase so hwɛfo; na Daniel de, ɔtenaa ɔhene aban mu.


na nea wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu:


Sadrak, Mesak ne Abednego buaa ɔhene Nebukadnesar sɛ: Enhia yɛn sɛ yebebua wo eyi ho asɛm bi.


Na me na mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wobetwitwa no asinasin, na wɔama ne fi ayɛ sumina, efisɛ Onyankopɔn bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛɛ.


Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abednego dii yiye Babel asase so.


Ɛnna wobua see ɔhene sɛ: Daniel a ofi Yuda atukɔfo mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔsrɛ n’adesrɛ da koro mprɛnsa.


Ɛnna ɔhene tee asɛm no no, ɛyɛɛ no yaw kɛse, na odii ne tirim Daniel ho, sɛ obegye no, na ɔbɔɔ mmɔden ara kosii owiatɔ bere sɛ obegye no.


Na Yasɔn agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaisare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan