Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Wo ɔhene, woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfo se, obiara te abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, ɔnkotow fam, na ɔnsɔre sika ohoni no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfoɔ sɛ, obiara te abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, ɔnkoto fam, na ɔnsɔre sika ohoni no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:10
24 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu.


Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛn ne ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru mu, ne mmɛnta asanku ne asankuten a egyigye dennen.


Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.


So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no ne wo bɛfa ayɔnko anaa?


Sɛ mokogye Hebrifo mmea awo, na muhu agua no so sɛ ɔyɛ ɔbarima a, munkum no; na sɛ ɔyɛ ɔbea de a, momma ɔntena ase.


Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔtow no nkyene asubɔnten Nil mu, na mmabea nyinaa de, momma wɔntena hɔ.


Na nea mahu bio owia ase ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne treneebea a amumɔyɛ wɔ hɔ.


Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara,


na nea wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu:


Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?


Ɛnna wotwiw bae bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene sɛ: So, woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a obebisa onyame anaa onipa biara hɔ ade bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu? Ɔhene buae sɛ: Asɛm no atim sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te.


wɔto ahuhudwom de yi sanku ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asanku sɛ Dawid;


Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan