Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi a ne tenten si basafa dunum na ne tɛtrɛtɛ si basafa biako ne fa, ɔde sii Dura asasetaw so wɔ Babel asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso yɛ anammɔn akron. Wɔde sii Dura tataw so wɔ Babiloniaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nkron. Wɔde sii Dura tata so wɔ Babiloniaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 3:1
29 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo anyame a ɔde wo fi Misraim bae ni.


Na Ahas-weros bere so, Ahas-weros a odii hene fi India de kosii Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so no.


Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nnipa nsa ano nnwuma.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa.


Na Mose san kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkae sɛ: Ao, bɔne kɛse na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa.


Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan,


Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ!


Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no.


Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sika nso fi Ufas, ɛyɛ odwumfo nsa ano adwuma; bibitama ne ntama a ɛberedum na efura wɔn, wɔn nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma.


So onipa bɛyɛ anyame a wɔnyɛ anyame afa?


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abednego sisii Babel asase so hwɛfo; na Daniel de, ɔtenaa ɔhene aban mu.


Nebukadnesar bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So ɛyɛ mo ɔboayɛ, Sadrak, Mesak ne Abednego, sɛ monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no?


Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abednego dii yiye Babel asase so.


na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.


wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan! Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre! So ebetumi akyerɛ biribi? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na honhom biara nni mu.


Na sɛ yɛyɛ Onyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, adwinni a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi.


Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.


Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhyew; mma w’ani mmmere ho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo afiri, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.


Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw horow yi mu no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne abo ne duaahoni a enhu ade na ɛnte asɛm nanso entumi nnantew.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan