Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Sɛ moankyerɛ me ɔdae no a, asɛm rebɛto mo, efisɛ moadwen atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka wɔ m’anim de akosi sɛ mɛsesa m'adwene; enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛ moanka dae no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mubedi atoro adaadaa me. Mususuw sɛ asɛm no bɛsesa. Monka dae no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahu sɛ mubetumi akyerɛ ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, asɛm rebɛto mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mobɛdi atorɔ adaadaa me. Mosusu sɛ asɛm no bɛsesa. Monka daeɛ no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:9
17 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no na wubetumi nso; fi kɔ na kɔyɛ saa.


Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano, ɛbɛyɛ mmarima ahannan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.


ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfo nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abangua so a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara biako pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ wokum no, gye nea ɔhene bɛteɛ sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena ase no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.


Nokware ano tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma nkyɛ koraa.


Monka yɛn nea ɛbɛba daakye no na yenhu sɛ anyame ne mo; yiw, monyɛ papa anaa bɔne, na yɛn ho nnwiriw yɛn na yensuro.


nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


Na wo, onipa ba, yi w’ani sa wo man mmabea a wofi wɔn komam hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:


Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa.


Ahuhude ne atoro nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm ni, no hu, nso na AWURADE nsomaa wɔn ɛ, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu.


Na Daniel kɔe kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no bere na waka nkyerɛase no akyerɛ no.


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Ɔhene buae sɛ: Minim ampa sɛ moregye bere, esiane sɛ muhu sɛ asɛm no afi me mu kɔ nti.


Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?


PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.


Na Mediani Dario faa ahenni no, na wadi mfe aduosia abien.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan