Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wobuae bio sɛ: Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔkaa bio se, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka dae no kyerɛ wʼasomfo, na yɛbɛkyerɛ wo ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔbuaa no ne mprenu so sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔkaa bio sɛ, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka daeɛ no kyerɛ wʼasomfoɔ, na yɛbɛkyerɛ wo aseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:7
5 Iomraidhean Croise  

Sɛ otumfo honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw w’afa, na odwo brɛ bɔne akɛse ase.


Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene Siria kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo dae no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ ase.


Ɔhene buae sɛ: Minim ampa sɛ moregye bere, esiane sɛ muhu sɛ asɛm no afi me mu kɔ nti.


Sɛ moankyerɛ me ɔdae no a, asɛm rebɛto mo, efisɛ moadwen atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka wɔ m’anim de akosi sɛ mɛsesa m'adwene; enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ me ase.


Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan