Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɔhene bua ka kyerɛɛ Kaldeafo no sɛ: Asɛm no afi me mu kɔ; sɛ moankyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wɔadan mo afi sumina;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafo no se, “Eyi ne gyinae a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me dae no, na moankyerɛ me ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wobebubu mo afi, ama afuw wura.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no sɛ, “Yei ne gyinaeɛ a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me daeɛ no, na moankyerɛ me aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔbɛbubu mo afie, ama afu wira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:5
10 Iomraidhean Croise  

na woburuw Baal dum no gui, na woburuw Baal fi no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de besi nnɛ.


Na me ara na mahyɛ sɛ obiara a ɔbɛdan asɛm yi ani no, eyi nti wonyi ne dan so mpuran, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fi nnan sumina.


Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ, na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ.


Wɔbɛyow sɛ nsu a ɛretwe, ma wontiatia wɔn so sɛ sare, na ma wɔnhyew.


Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa.


Na me na mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wobetwitwa no asinasin, na wɔama ne fi ayɛ sumina, efisɛ Onyankopɔn bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛɛ.


Beltesasar, kurukyerɛwfo panyin, sɛ minim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahintasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me dae mu adehu a mihui ne ne nkyerɛase kyerɛ me.


na boaboa emu asade nyinaa ano gu abɔnten so, na fa ogya hyew kurow no ne emu asade no nyinaa sɛ afɔre mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo; wɔnnkyekyere bio.


Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan