Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “Saa ahemfo no adedi mu no, Ɔsoro Nyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenase a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ebedwiriw ahemman ahorow yi nyinaa de wɔn aba awiei, na ɛno de, ebegyina afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

44 Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:44
38 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Ɔno na obesi dan ama me din na mɛma n’ahenni agua atim akosi daa.


Na wo fi ne w’ahenni betim akosi daa m’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.


W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.


Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberɛmpɔn akosi daa.


nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye. Wo dae ne w’anisoade a woda wo mpa so no wuhui no ni:


Wode hwɛ ara kosii sɛ ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku;


ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.


Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahenni, tumi, ahoɔden ne anuonyam ama wo,


na sɛ wuhuu dɔte sɛ afrafra dade no, nnipa no bedi afra, wɔn asefo mu, na wɔremfomfam wɔn ho, sɛnea dade nnya ɛfa mu afraye no.


Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.


Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;


Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a midi so tumi nyinaa mu, wɔmfɛre na wonsuro Daniel Nyankopɔn, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte ase na ogyina hɔ daa, na n’ahenni yɛ nea ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtena hɔ akosi ase.


Ɔne nea oyi na ogye, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro ne asase so, na ɔno na wayi Daniel afi agyata nsam.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


Na n’anitew nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na obedi ne koma mu akokurokosɛm na obefi nkurɔfo bebree mpaase asɛe wɔn, na ɔbɛsɔre ahyɛ ahene mu hene, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.


Na mɛma asiifo no ayɛ nkae, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛse; na AWURADE bedi wɔn so hene Sion bepɔw so afi nnɛ de akosi daa.


na mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutefo, na apɔnkɔ ne wɔn sotefo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano.


na mɛsosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de wɔn agyapade bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade na ose.


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi?


Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu.


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nkuku, sɛnea me nso minyae wɔ m’agya nsam no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan