Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na sɛ wuhuu anan ne anansoaa a emu bi yɛ ɔnwemfo fa na emu bi yɛ dade no, ɛbɛyɛ ahenni a emu apaepae, nso dade denyɛ no bɛtena mu, sɛnea wuhui sɛ dɔte afrafra dade no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Nana, sɛnea wuhu sɛ nansabon ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

41 Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛ na emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Nana, sɛdeɛ wohunu sɛ nantabon ne nansoaa yɛ dadeɛ ne dɔteɛ a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:41
8 Iomraidhean Croise  

Na ahenni a ɛto so anan no bɛyɛ den sɛ dade; na sɛnea dade bubu na ɛyam ade nyinaa no, sɛ dade a ɛbobɔ ade ara na ebebubu na abobɔ ɛno nyinaa.


Na anansoaa a emu bi yɛ dade na ebi yɛ ɛfa no, ahenni no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛw;


Na mmɛn du no, ahenni no ara mu na ahene du bɛsɔre, na wɔn akyi no ɔfoforo bi bɛsɔre. Na ɛbɛsono ɔno ne kanfo no, na ɔbɛbrɛ ahene baasa ase.


Eyi akyi no mehwɛe ara anadwo adehu mu, na aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; ɔwɔ dade se akɛse, na odidi kekaw mu de n’anan pɛtɛw nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti.


Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho.


Na mmɛn du a wuhui no ne ahemfo du a wonnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew biako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan