Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene Siria kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo dae no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Kaldeafo no buaa no wɔ Arameike kasa mu se, “Ɔhene nkwa so! Ka dae no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene (wɔ Aramaik kasa mu) sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Kaldeafoɔ no buaa no wɔ Arameike kasa mu sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ka daeɛ no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:4
23 Iomraidhean Croise  

Na Laban frɛɛ hɔ Yegar-sahaduta, ase ne: Adansekuw, na Yakob de, ɔfrɛɛ hɔ Galeed.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Na ɛnnɛ wasian kɔ, na wakokum anantwinini, ne anantwi a wɔadɔ srade, ne nguan bebree, na wahyia ahenemma nyinaa ne asafohene ne ɔsɔfo Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adonigya tiri nkwa!


Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam kotow ɔhene kae sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa!


Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake sɛ: Wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa, na yɛn de, yɛte, na wo ne yɛn nnkasa Yuda kasa, nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no asom.


Na Artasasta bere so Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfo nkae no kyerɛw nhoma kɔmaa Persia hene Artasasta, na wɔkyerɛw ɔmena nhoma no Siria nkyerɛwee mu, na wɔkyerɛɛ ase nso Siria kasa mu.


na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.


Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa mu, na yɛn de, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn mma nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no nnte.


nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Wobuae bio sɛ: Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ ase.


wɔbɛka kyerɛɛ ɔhene Nebukadnesar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.


Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.


Beltesasar, kurukyerɛwfo panyin, sɛ minim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahintasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me dae mu adehu a mihui ne ne nkyerɛase kyerɛ me.


Ɔhene ne n’aberɛmpɔn nsɛm no nti ɔhemmea baa apontow dan no mu. Ɔhemmea no kae sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnhaw wo na w’anim nnnan.


Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.


Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasae sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!


Ɛnna abirempɔn ne amantam ahene no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa!


Ahemman yi mu abirempɔn, mmakoma, amantam ahene, agyinatufo ne amradofo nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom sɛ: Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, O ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu.


Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!


Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monhwɛ nea AWURADE apaw no, na obiara nte sɛ ɔno, ɔman yi nyinaa mu. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose sɛ: Ɔhene tiri nkwa!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan