Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso dae bi, na me honhom ho yeraw me sɛ mehu dae no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ɔkae se, “Maso dae bi a ɛhaw me, enti mepɛ sɛ mokyerɛ me dae ko a mesoe no, efisɛ ɛsɛ sɛ mihu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso daeɛ bi, na me honhom ho yera me sɛ mɛkae daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ɔkaa sɛ, “Maso daeɛ bi a ɛha me, enti mepɛ sɛ monkyerɛ me daeɛ ko a mesoeɛ no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mehunu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:3
5 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso adae, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ yɛn ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So nkyerɛase no mfi Nyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso dae, nso obiara nni hɔ a otumi kyerɛ ase; na wo na mate wo nka sɛ, wote dae a, wutumi kyerɛ ase.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Na Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien no, ɔsosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe.


na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan