Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, pɛadeahufo, ntafowayifo ne Kaldeafo, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnkyerɛ no dae ko no. Wobegyinaa ɔhene no anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ bisaa wɔn sɛ, wɔnkyerɛ no daeɛ ko no. Wɔbɛgyinaa ɔhene no anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:2
16 Iomraidhean Croise  

Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanyimfo a wonim mmara no, (efisɛ saa na ɔhene asɛm ba wɔn a wonim mmara ne asɛnni no anim,


Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na Misraim honhom bɛsa wɔ ne mu, na n’agyinatu nso, mahwete na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo ne asamanfrɛfo ne asumanfo.


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no a, so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo?


Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene;


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.


Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafo mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me ɔdae no ase.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Ɛnna Filistifo frɛfrɛɛ asɔfo ne akɔmfo sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn dekode a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan