Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na mmara no bae sɛ wonkum anyansafo no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfo no sɛ wɔrebekum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na esiane ɔhene no mmaraden sɛ wonkunkum anyansafo no nti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wonkunkum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Enti mmara no baa sɛ wɔnkum anyansafoɔ no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ no sɛ wɔrebɛku wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na ɛsiane ɔhene no mmara den sɛ wɔnkunkum anyansafoɔ no enti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wɔnkunkum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:13
8 Iomraidhean Croise  

So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no ne wo bɛfa ayɔnko anaa?


Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara,


Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnsɛe Babel anyansafo no nkyɛn; ɔkɔe kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafo no, nsɛe wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ ɔhene ase.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan