Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔhene no tee saa asɛm no, ne bo fuw yiye, enti ɔhyɛɛ sɛ, wonkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔhene no tee saa asɛm yi no, ne bo fuu yie, enti ɔhyɛɛ sɛ, wɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:12
14 Iomraidhean Croise  

Na ahisɛm kum ogyimifo, na ninkuntwe kum atetekwaa.


Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so.


Ɔhene anibere yɛ owu bɔfo, na ɔba nyansafo pata no.


Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.


Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, nea oyi no abufuw no yɛ ne kra bɔne.


Obufufafo hwanyan ntɔkwaw, na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.


Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnsɛe Babel anyansafo no nkyɛn; ɔkɔe kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafo no, nsɛe wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ ɔhene ase.


Ɔhene bua ka kyerɛɛ Kaldeafo no sɛ: Asɛm no afi me mu kɔ; sɛ moankyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wɔadan mo afi sumina;


Ɛnna Nebukadnesar de abufuw ne anibere kae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Ɛnna wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.


Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.


Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no.


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan