Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na asɛm a ɔhene bisa yi yɛ den dodo, na obi bi nni hɔ a obetumi akyerɛ ɔhene anim, gye anyame a wɔnte adasamma mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔhene abisade yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a obetumi aka wo dae no gye anyame. Nanso wɔn tenabea nni wiase yi mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔhene abisadeɛ yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aka wo daeɛ no gye anyame. Nanso, wɔn tenabea nni ewiase yi mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:11
25 Iomraidhean Croise  

Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ Onyankopɔn ayi eyi nyinaa akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo sɛ wo.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Na so ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi!


Na so ampa sɛ, Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi.


Eyi ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.


Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ.


Na mɛtena Israelfo mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn,


Ɛnna akɔmfo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Onyankopɔn nsatea ni. Na Farao koma pirimii ara na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


Sɔre gyina yiye ɛ, fa wo kaberɛkyere ne wo ntafowayi dodow a wufi wo mmofraase brɛɛ mu no, ebia wubetumi de ayɛ biribi, ebia wode beyi hu.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me no fi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔw so no yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu.


Me, Nebukadnesar, mete me fi dwoodwoo, na me ho ka me ho m’aban mu;


Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,


Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no, na AWURADE bɛtena Sion ara.


Na munngu asase a mote so na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfo mu no.


Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.


Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne nkurɔfo, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan