Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Kaldeafo no buaa Ɔhene no se, “Onipa teasefo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ wo, Nana, wo dae a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifo, pɛadeahufo anaa Kaldeafo saa asɛm yi bi pɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Kaldeafoɔ no buaa Ɔhene no sɛ, “Onipa teasefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ wo, Nana, wo daeɛ a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ anaa Kaldeafoɔ saa asɛm yi bi pɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:10
5 Iomraidhean Croise  

Woabrɛ w’agyinatu pii no mu; ma wɔn a wɔhwɛ wim nsɔre nnyina ɛ, na wonnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfo no, nsorommahwɛfo a ɔsram foforo daa wɔkyerɛ nneɛma a ɛbɛba wo so no.


Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene;


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan