Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔbarima no a ofura nwera na ɔwɔ asu no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na metee sɛ ɔde nea ɔte hɔ daa no kaa ntam se, “Ɛbɛkɔ so saa ara akosi bere bi, mmere bi ne bere sin bi. Sɛ nnipa kronkron no tumisɛe no ba awiei koraa a, wobewie saa nneɛma yi nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:7
30 Iomraidhean Croise  

Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem kɔ, ne Otumfo a ɔhyɛ me kra awerɛhow no te ase yi,


Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ: Ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo nea wɔahwehwɛ n’akyi kwan, kurow a wɔrennyaw no.


na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so mekyerɛɛ Yakob fi asefo, na mema wohuu me Misraim asase so, na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn mekae sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn no,


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ofura nwera na Ufas sika bɔ n’asen ni;


Na atifi fam hene no bɛsan de asafo yuu a ɛso sen kan de no abegyina hɔ, na mfe bi akyi no, ɔde dɔm kɛse ne ade pii bɛba no so.


Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?


Na metee, na manhu ase, na mise: Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?


Ansa na asɛm no befi ɔhene anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam;


Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;


mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefo dii ako, na etumii wɔn,


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akosi anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye.


na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ n’ankasa tumi; na ɔbɛsɛe ade ma ayɛ nwonwa, na obedi yiye na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo man no.


Enti momfa nto mo tirim na moannnwen nea mode beyi mo ho ano ansa.


Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.


na wama wo so akyɛn amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyi ne din ne anuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛnea ɔkae no.


Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.


Na mema me nsa so mekɔ ɔsoro, na mise: Sɛ mete ase daa yi!


Na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn; wo na AWURADE wo Nyankopɔn apaw wo sɛ bɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne de aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Na wɔmaa ɔbea no, ɔkɔre kɛse no ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne tenabea, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne bere fa afi ɔwɔ no anim.


Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.


mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:


Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan