Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔbaako ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no atifi no sɛ: Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛba mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:6
16 Iomraidhean Croise  

Yenhu yɛn nsɛnkyerɛnne, odiyifo bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akosi.


Na hwɛ, mmarima baasia fi atifi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, na wɔn dwerɛw nnade kurakura wɔn nsam, na ɔbarima biako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen, na wɔbaa mu begyinaa kɔbere afɔremuka no ho.


Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, mmarima foforo baanu gyina hɔ, obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha, na obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha.


Na metee, na manhu ase, na mise: Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wontiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi?


na metee onipa nne, Ulai asukɔn so a ɔfrɛe sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehu no ase.


Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?


Kyerɛ yɛn bere ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na eyinom nyinaa rebɛbam a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,


Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu.


Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu.


Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew.


Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, Tumfo, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenntɔ wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan