Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:4
25 Iomraidhean Croise  

Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na AWURADE hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.


Na eyi nyinaa ho adehu bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔasɔw ano mu nsɛm, wɔde ma nea onim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Mintumi, na wɔasɔw ano.


Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.


Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn;


Kyekyere adanse no, sɔw kyerɛ no ano, m’asuafo mu.


Muntutu mmirika nkyin Yerusalem mmorɔn so, na monhwɛ ɛ, na munhu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so, sɛ mubehu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a odi asɛntrenee na ɔhwehwɛ nokware, na memfa nkyɛ no.


Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu.


Na maba sɛ merebɛma woate nea ɛbɛyɛ wo man, nna a edi akyiri no mu; na nna no ho anisoadehu da so wɔ hɔ.


Nanso mɛkyerɛ wo nea wɔakurukyerɛw nokware nhoma no mu, na obiara nni hɔ a obegyina aso me mu atia eyinom gye, mo bapɔmma Mikael.


Na ɔman no mu wɔn a wonim de no bɛma nnipa bebree anya nhumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrante ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne afow mu, nna bi.


Na awiei bere no mu na anafo fam hene no ne no besi anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsaase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.


Enti kɔ kodu awiei, na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.


Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, mmarima foforo baanu gyina hɔ, obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha, na obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha.


Na ose: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no.


Na ɔbaa nea migyinae hɔ; na ɔbae no, misuroe, na mehwee m’anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.


Na ose: Hwɛ, merema woahu nea ɛbɛba abohuru no akyiri bere mu, na ɛfa awiei bere a wɔahyɛ no ho.


Na anadwofa ne anɔpa adehu a wɔkae no yɛ nokware; enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.


Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.


Na aprannaa ason no kasae no, anka meyɛ makyerɛw. Na metee sɛ ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔ nea aprannaa ason no aka no ano, na nkyerɛw!


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nhoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛbere no abɛn.


Na mihuu nhoma bi wɔ nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan