Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:3
27 Iomraidhean Croise  

Na Israelfo no huu Mose anim were no sɛ ahyerɛn; na ɔde nkataanim no san kataa n'anim kosii sɛ ɔkɔɔ mu ne no kɔkasae.


Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo gye akra,


Anyansafo benya anuonyam adi, na nkwasea bɛsoa ahohora.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree.


Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.


Na sɛ wogyinaa m’agyina mu a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasan wɔn afi wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛe bɔne no ho.


Na ɔman no mu wɔn a wonim de no bɛma nnipa bebree anya nhumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrante ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne afow mu, nna bi.


Na mmadwemma no binom bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de atew wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akosi awiei bere no, efisɛ ɛbere a wɔahyɛ no bɛba ara.


Wɔbɛpɔw nnipa bebree ho ahoa wɔn ho atew wɔn ho, na abɔnefo bedi nsɛmmɔne, na abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.


Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Na hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?


Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko.


Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Onyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,


Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.


na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no,


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Ao! AWURADE saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a efi n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoe mfe aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan