Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:2
19 Iomraidhean Croise  

Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase.


W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu.


Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no, afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwade ama ɔhonam nyinaa.


Na AWURADE gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu ɛno nti m’atiwfo bɛhwehwe ase, na wɔrentumi. Wɔn ani bewuwu sɛ, efisɛ ansi wɔn yiye, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfi da.


Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebuebue mo adamoa ano mafa mo, me man, afi mo adamoa mu, na mede mo akɔ Israel asase so,


Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so.


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso a wɔn ankasa nso hwɛ no kwan, sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.


Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.


So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ?


Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.


Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan