Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn gu ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinne afɛfɛ nnommum akɔ Misraim; na mfe bi ɔbɛtwe ne ho afi atifi fam hene no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:8
17 Iomraidhean Croise  

Na afei de, mahu sɛ pɛ ara na wopɛ sɛ wokɔ, efisɛ gyina na w'ani agyina w'agya fi; na ɛdɛn nti na woawia m'anyame?


Na wogyigyaw wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tasee.


Na merebetwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na mebu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


na wɔatotow wɔn anyame agu gya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko, na wɔasɛe wɔn.


Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahene ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so no,


manni aduan a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nanso mansra koraa kosii sɛ adapɛn abiɛsa no wiee odu.


Na ɔbɛba anafo fam hene no ahenni mu de, nanso ɔbɛsan akɔ n’asase so.


Na ɔbɛsow aba ne nuanom mu. Apuei ahum betu, AWURADE mframa fi sare so bɛbɔ, na n’asubura mu ayow, na ne nsuaniwa to atwa; ɔno na ɔbɛfom adekoradan mu mfɛfɛwade nyinaa.


Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.


na Misraimfo resie wɔn mmakan a AWURADE kunkum wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.


na munnwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na momfa ogya nhyew wɔn Asera nnua, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfi hɔ.


Na ose: M’anyame a meyɛe ne ɔsɔfo no, moafa de rekɔ, na ɛdɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan