Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔbea no ntini mu baa bi a ɛfefɛwee bi bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛn atifi fam hene no abankɛse mu, na ɔne wɔn adi na wadi wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:7
14 Iomraidhean Croise  

Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne nnubaa remmɔ no:


Ma ne nna nsua, na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa,


Na wo, Nyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛe amoam, mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nna fa, na me de, mede me ho meto wo so.


Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.


Enti AWURADE betwa Israel mu, eti ne dua akyene, berɛw ne mmɛw da koro.


Wotɛw wɔn, na wogye ntini; wonyinnyin na wɔsosow aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn asaabo ntam pan.


Efisɛ wammu ntam no, na obuu apam no so; na hwɛ, wadi nsew, nanso wayɛ eyinom nyinaa; ɔremfi mu mfi.


Na awiei bere no mu na anafo fam hene no ne no besi anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsaase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.


Na mfe bi akyi no, wɔbɛfofa wɔn ho ayɔnko, na anafo fam hene no babea aba atifi fam hene no nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam, nanso ɔbea no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina, na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae, nea ɔwoo no ne nea osoo no mu, mmere no mu no, ama.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan