Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na mfe bi akyi no, wɔbɛfofa wɔn ho ayɔnko, na anafo fam hene no babea aba atifi fam hene no nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam, nanso ɔbea no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina, na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae, nea ɔwoo no ne nea osoo no mu, mmere no mu no, ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mfe bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnko. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no babea bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabea no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmere no mu no, wobeyi ɔhene babea, adehye a wɔka ne ho, nʼagya ne nea ogyinaa nʼakyi nyinaa no ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mfeɛ bi akyiri no, wɔbɛfefa wɔn ho ayɔnkoɔ, na anafoɔ fam hene no babaa aba atifi fam hene nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam; nanso ɔbaa no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina; na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ, deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔsɔɔ no mu, mmerɛ no mu no ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:6
9 Iomraidhean Croise  

na wɔde abɔnefo hann akame wɔn, na nsa a wɔama so no, wɔabu mu?


N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee.


Onipa ba, Misraim hene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntamabamma rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi aso nkrante mu.


Na atifi fam hene no bɛsan de asafo yuu a ɛso sen kan de no abegyina hɔ, na mfe bi akyi no, ɔde dɔm kɛse ne ade pii bɛba no so.


Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre pempe, na wafa kurow bi a ɛyɛ den: Na nifa fam dɔm no rentumi nnyina, na ne nsraafo a wɔapaw wɔn mpo rennya ahoɔden nnyina.


Na awiei bere no mu na anafo fam hene no ne no besi anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsaase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.


Na ɔbea no ntini mu baa bi a ɛfefɛwee bi bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛn atifi fam hene no abankɛse mu, na ɔne wɔn adi na wadi wɔn so.


Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan