Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na afei, merekyerɛ wo nokware no: Hwɛ, ahene baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na nea ɔto so anan no benya ahonyade kɛse asen wɔn nyinaa, na sɛ onya n’ahonyade no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan aman nyinaa ahyɛ Hela ahemman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na sɛ ɔnya n’ahonyadeɛ no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan ade nyinaa atia Hela ahemman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Na afei, mɛka mu nokorɛ akyerɛ wo: ahemfo mmiɛnsa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, deɛ ɔtɔ so ɛnan a ɔbɛnya ne ho akyɛn nkaeɛ no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden bɛhwanyane obiara atia Hela ahennie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:2
17 Iomraidhean Croise  

Saa bere no wogyaee Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho adwuma no, na wɔantoa so bio kosii Persia hene Dario ahenni afe a ɛto so abien so.


Na Artasasta bere so Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfo nkae no kyerɛw nhoma kɔmaa Persia hene Artasasta, na wɔkyerɛw ɔmena nhoma no Siria nkyerɛwee mu, na wɔkyerɛɛ ase nso Siria kasa mu.


Na Ahas-weros bere so, Ahas-weros a odii hene fi India de kosii Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so no.


sɛ mɛma woahu nokware nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akobua wɔn a wɔsomaa wo no?


Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu.


Na ɔde dɔm kɛse bɛkanyan n’ahoɔden ne ne mmaninyɛ ahyɛ nifa fam hene no, na anafo fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree betu sa, nanso ɔrennyina, efisɛ wɔakɔ ne tiri so apam.


Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


na ɔpapo a ɔyɛ keka no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan;


Na anadwofa ne anɔpa adehu a wɔkae no yɛ nokware; enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.


Mihuu odwennini no sɛ ɔresisi akɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a obegye obi afi ne nsam, na ɔyɛ sɛnea ɔpɛ, na odi akokurokosɛm.


Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a,


Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ nneɛma nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan