Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:16
11 Iomraidhean Croise  

na ɛbɛsen afa Yuda mu ayiri akodu kɔn mu, na ne ntaban mu han adu w’asase trɛw so, O Imanuel.


Na mise: Mede wo mesi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo. Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensan mfi m’akyi bio.


Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛse bedi hene, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ.


Na ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwonwasɛm atia nyame mu Nyame no, na ebesi no yiye akosi sɛ wobeyi abufuw no adi awie; na nea wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na eyinom befi ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfo mu fa kɛse.


Na obesi n’ahemfi ntamadan ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awiei bɛba a obi nni hɔ a obedi aboa no.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.


Mihuu odwennini no sɛ ɔresisi akɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a obegye obi afi ne nsam, na ɔyɛ sɛnea ɔpɛ, na odi akokurokosɛm.


Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.


Na abɛn ketewa biako fi emu biako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ nifa fam ne apuei ne asase fɛfɛ no;


Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan