Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ne mma bedi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛse asafo yuu ano, na obiako bɛba sɛ nsu a ayiri asram so, na ɔbɛsan adi ako akodu n’abankɛse ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ne mmabarima besiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde asraafo dɔm kɛse bɛkɔ te sɛ asu a ayiri, akɔko ara akodu atamfo no aban no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:10
10 Iomraidhean Croise  

Na w’afasu a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiriw agu fam, mfutuma mu.


Ɛpo asram Babel so, n’asorɔkye huuyɛ akata so.


Na wɔde dɔm a ɛte sɛ nsuyiri bɛtwe wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam birɛmpɔn no nso wɔ n’anim.


Na wɔn a wɔne no to nsa didi na wɔbɛsɛe no, na wɔatwe ne dɔm akɔ, na nnipa bebree bɛtotɔ.


Na ɔbea no ntini mu baa bi a ɛfefɛwee bi bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛn atifi fam hene no abankɛse mu, na ɔne wɔn adi na wadi wɔn so.


Na ɔbɛba anafo fam hene no ahenni mu de, nanso ɔbɛsan akɔ n’asase so.


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan