Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɛkaa me nko, na mihuu anisoade kɛse yi, na ahoɔden bi anka me mu, na m’ahoɔfɛ dan yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na mannya ahoɔden biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɛkaa me nko ara na mehunuu anisoadeɛ kɛseɛ yi, na ahoɔden biara anka me mu, na m’ahoɔfɛ dane yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehunu kɛseɛ yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim too hoa, afei na menni ɔboafoɔ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:8
15 Iomraidhean Croise  

Otwaa mu wɔ Peniel, bere a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahuan no nti.


Na Mose se: Eyi de, mɛman makɔhwɛ ahwɛde kɛse yi, dekode a enti nkyɛkyerɛ no nhyew.


Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma sɛso kaa m’anofafa, na mibuee m’ano mekasae meka mekyerɛɛ nea ogyina m’anim no sɛ: Owura, anisoadehu no mu m’akwaa ahima, na ahoɔden biara nni me mu;


na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi betumi ne me wura yi akasa? Efisɛ afei de, ahoɔden biara nni me mu, na ɔhome bi nso nni me mu.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na mesɔre meyɛɛ ɔhene adwuma, na adehu no yɛɛ me ahodwiriw, na obiara anhu mu.


Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saw biribiri, ɛnne no ho; ɔporow hyɛn me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso mɛtena ase matwɛn ahohia da no, mahwɛ asotwe a AWURADE de bɛma wɔn a wɔbɛtoaa yɛn no.


Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.


Na onnim asɛm a ɔnka mpo; efisɛ na wosuro yiye.


Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ Agya no ka me ho.


Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan