Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛbo, na n’anim te sɛ anyinam, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne n’anan te sɛ ayowa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyigyei te sɛ ɛpo huuyɛ nnyigyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:6
18 Iomraidhean Croise  

na kyerɛpɛn a ɛto so anan no nyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo; ne nsisimu no, sika mfofaano ntwa ho nhyia.


ne nsa yɛ sika nnwinne a wɔde sikabereɛbo asisi mu; ne nipadua yɛ asonse dwinne a wɔde hoabo adura so.


na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam.


nkyimii no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikabereɛbo ani, na anan no kura suban koro, na ne su ne ne yɛbea te sɛnea nkyimii biako bea biako mu;


Na wɔnantew a, mete wɔn ntaban no gyigye sɛ asu bebree nnyigyei, sɛ Otumfo no nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ dɔm nne; sɛ wogyina a, wogyaagyaa wɔn ntaban mu;


na wɔn anan yɛ nan turodoturodoo, na wɔn anan ase te sɛ nantwi ba nan ase, na ɛho hyerɛn sɛ kɔbere a wɔatorom ho hyɛrɛnhyɛrɛn.


Na mihui, na hwɛ, nkyimii anan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimii biako wowɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimii no ani te sɛ sikaberebo ani.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere de ni, na siwabiri hama ne susuw demmire kura ne nsam, na ogyina ɔponkɛse no ano.


Na mehwɛe, na hwɛ, suban bi a ɛte sɛ ogya ni, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ fam yɛ ogya, na efi n’asen so de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani.


Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea.


Na ɔrebɔ mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee.


Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.


Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ no se:


nea ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia yɛ bogyanambo, nea ɛto so ason yɛ sikaberebo, nea ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron yɛ akraatebo, nea ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan