Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nna no mu na me, Daniel, me werɛ howee adapɛn abiɛsa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no, me, Daniel, medii awerɛhoɔ nnawɔtwe mmiɛnsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:2
13 Iomraidhean Croise  

Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,


Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?


Na wone me guantoa Nyankopɔn, adɛn nti na wotow me kyene? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?


Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo, mo a mudi ne ho nkɔmmɔ nyinaa;


O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na efi da a wode wo koma too so sɛ wobɛte ase na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebae.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.


sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu.


Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan aniwu!


Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan