Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma sɛso kaa m’anofafa, na mibuee m’ano mekasae meka mekyerɛɛ nea ogyina m’anim no sɛ: Owura, anisoadehu no mu m’akwaa ahima, na ahoɔden biara nni me mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, “Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mebuee mʼano, hyɛɛ aseɛ kasaeɛ. Meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina mʼanim no sɛ, “Anisoadehunu no ama me ho adwiri me, me wura, na menni ɔboafoɔ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:16
29 Iomraidhean Croise  

Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me de, ɛde besi nnɛ anaa efi bere a wo ne w'akoa kasae yi, m'ano ntew; me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru.


Na Mose kae sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma onipa foforo biara a wopɛ.


Na nyansa dodow mu wɔ ɔhaw dodow, na nea otia nimdeɛ no tia awerɛhow.


na ɔde kaa m’ano kae sɛ: Hwɛ, eyi aka w’ano, na wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.


Na AWURADE teɛɛ ne nsa ma ɛkaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede me nsɛm mahyɛ w’anom.


Na ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoabo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro.


Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mebue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Ma ɔtefo nte, na ogyaefo nnyae; na wɔyɛ asowui fi.


Nso na AWURADE nsa aba me so anwummere no, ansa na oguanfo no bae, na obuee m’anom kosii sɛ ɔbaa me nkyɛn anɔpa, na wobuee m’anom, na mantɔ mum bio.


Na metee, na manhu ase, na mise: Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.


Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Na me, Daniel, mihuu anisoade no na mehwehwɛɛ ase mihui no, hwɛ, obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima sɛso,


Na ɔbaa nea migyinae hɔ; na ɔbae no, misuroe, na mehwee m’anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.


Na ɔne me rekasa no, m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam; nanso osoo me mu de me gyinaa m’anan so bio.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na mesɔre meyɛɛ ɔhene adwuma, na adehu no yɛɛ me ahodwiriw, na obiara anhu mu.


na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, ɔbarima Gabriel a mihuu no anisoadehu mu kan no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummere afɔrebɔ bere mu.


Na n’ano buei na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Nyankopɔn ayɛ.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Na ose: Daabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuw fam sɔree no, na obisaa no sɛ: Ɛdɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?


na akaneadua no mfinimfini no, mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atade yuu, na ɔde sika abɔso abɔ ne koko so.


Na Manoa yii AWURADE mpae sɛ: O, AWURADE, ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no.


Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyi a, anka ɛdɛn na eyi nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwonwade a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na Awurade yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei Awurade apa yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsayam.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, Awurade, dɛn na mede megye Israel? Hwɛ, m’asafo agurow Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan