Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na efi da a wode wo koma too so sɛ wobɛte ase na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afei ɔkɔɔ so kae se, “Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Nsuro, Daniel. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehunu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Onyankopɔn anim no na ɔtee wo nsɛm, na ɛno enti na maba yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:12
26 Iomraidhean Croise  

Na me kra suu mmuada mu, na ɛdan me ahohorabɔ.


monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den, munnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn ni! Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa!


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no.


Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bebua, wobɛteɛm, na ɔbɛka sɛ: Mini. Sɛ wuyi kɔndua fi wo mu, nsatea teɛ ne ahuhukasa,


Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae.


na ose: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoe nka wo, yɛ den, yɛ den! Na ɔne me kasae no, mehyɛɛ me ho den, na mise: Ma me wura nkasa, efisɛ woahyɛ me den.


Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.


Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase; ɛyɛ daa ahyɛde.


Na ɔsram a ɛto so ason no ara da a ɛto so du no, munhyia nhyia kronkron, na munni mmuada; monnyɛ adwuma biara;


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.


Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!


Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom.


Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mo bo tutu, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo koma mu?


kae sɛ: Paulo, nsuro! Etwa sɛ wokogyinaa Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.


Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan