Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:11
15 Iomraidhean Croise  

Yiw, eyi ho na me koma tutu, na ɛpopo fi n’afa.


Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.


Me de, meyɛ me dɔfo de, na me na n’ani gyina me.


na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.


na ose: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoe nka wo, yɛ den, yɛ den! Na ɔne me kasae no, mehyɛɛ me ho den, na mise: Ma me wura nkasa, efisɛ woahyɛ me den.


manni aduan a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nanso mansra koraa kosii sɛ adapɛn abiɛsa no wiee odu.


Na wofii adi ntɛm ara guan fii ɔda no ho; na ahopopo ne ahodwiriw aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; efisɛ na wosuro.


Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;


Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no?


Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo.


Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan