Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase wɔ anisoadehu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Persiahene Kores adedie afeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokorɛ, na ɛfa ɔko kɛseɛ bi ho. Ɔnyaa nkra no asekyerɛ wɔ anisoadehunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:1
28 Iomraidhean Croise  

Na dae no a ɛyɛɛ mmɔho abien maa Farao no ase ne sɛ: Onyankopɔn ahyɛ saa ade no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm.


Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔkɔpaee n’ahenni nyinaa mu; na wɔkyerɛwee nso sɛ:


Na wɔde sika maa abopaefo ne nnua adwumfo no, na wɔde aduan ne anonne ne ngo maa Sidonfo ne Tirofo sɛ wɔnkɔfa nkyeneduru nnua mfi Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛ Persia hene Kores maa wɔn ho kwan no.


Na Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom atitiriw nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo ne yɛn de, sɛ yebesi ɔdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara besi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores hyɛɛ yɛn no.


Na wɔbobɔɔ agyinatufo paa ma wɔhyɛɛ Yuda mma no ahometew wɔ adansi no nhyehyɛe ho fi, Persia hene Kores nna nyinaa de kosii Persia hene Dario ahenni so.


Na Yudafo mpanyimfo no sii, na ɛyɛɛ yiye, odiyifo Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ so. Na wosii na wowiei, sɛ Israel Nyankopɔn ahyɛde ne Persia hene ne Kores, Dario ne Artasasta ahyɛde no te no.


Ɔhene afe a edi kan mu no ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ: Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho de, wonsi ofi no mma ɛnyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduasa, ne trɛw basafa aduasa nso,


Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! Na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase!


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


Na Daniel tenaa hɔ koduu ɔhene Kores afe a edi kan so.


na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.


Na maba sɛ merebɛma woate nea ɛbɛyɛ wo man, nna a edi akyiri no mu; na nna no ho anisoadehu da so wɔ hɔ.


Na afei, merekyerɛ wo nokware no: Hwɛ, ahene baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na nea ɔto so anan no benya ahonyade kɛse asen wɔn nyinaa, na sɛ onya n’ahonyade no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan aman nyinaa ahyɛ Hela ahemman.


Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.


Na ose: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no.


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Na akyiri no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din te no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ no:


na wohuu honhom a ɛkyɛn so ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ ɔdae ase kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ san apɔw wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ ase.


Ɛnna Daniel bua kae ɔhene anim sɛ: Ma w’ayɛyɛde ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛde ma obi foforo, nanso mɛkan kyerɛw no makyerɛ ɔhene, na mama wahu ne nkyerɛase.


Na Daniel yi dii yiye Dario ahenni ase ne Persiani Kores ahenni ase.


na metee onipa nne, Ulai asukɔn so a ɔfrɛe sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehu no ase.


Na anadwofa ne anɔpa adehu a wɔkae no yɛ nokware; enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.


Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan