Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduan, nnom nsa a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ piamfohene no sɛ ɔmma no kwan na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduane, nnom nsã a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ apiafoɔhene no sɛ ɔmma no ɛkwan na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:8
22 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, mise merebesi ɔdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no mesi w’ananmu matena w’agua so no, ɔno na obesi ɔdan ama me din.


Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wodii adefunu afɔrebɔde,


Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.


Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Nkom me koma nkɔ asɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumɔyɛfo bedi nsɛmmɔne, na mma me kɔn nnɔ wɔn adɔkɔdɔkɔde.


Mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn, na ɛyɛ nnaadaa aduan.


Na ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.


wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


na wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ: Wonyi wɔn ho mfi abosom akyidi ne aguamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui, ne mogya ho.


Na nea ogyina pintinn, ne komam, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ ne komam sɛ ɔbɛma ne ba baabun atena hɔ no, wayɛ no yiye.


Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.


Wɔn a wodii wɔn afɔre srade, na wɔnom wɔn ahwiesa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo, ma wɔnyɛ mo so nkataso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan